1 Peter 2

Onyankopɔn ankasa nkurɔfo

1Montwe mo ho mfi bɔne nyinaa, atoro anaa nyaatwom anaa anibere anaa oburu kasa ho. 2Monyɛ sɛ nkokoaa a bere biara sukɔm de mo sɛ mubenya honhom mu nufusu kronn anom na sɛ monom a, moanyin na wɔagye mo nkwa. 3Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Moaka Awurade ayamye no ahwɛ.” 4Mommra Awurade a ɔyɛ ɔbo a nkwa wom no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼade a ɛsom bo.

5Mo nso mote sɛ abo a nkwa wɔ mu a, wɔnam so resi dan a honhom ahyɛ ma a ɛbɛyɛ asɔfo Kronkron fi a wɔnam Yesu Kristo so bɛbɔ afɔre a ɛho tew wɔ mu ama Onyankopɔn no. 6Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Mayi ɔbo a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatibo a obiara a obegye no adi no, wɔrenni no huammɔ.”

7Saa ɔbo yi ho wɔ mfaso yiye ma mo a mugye di, na wɔn a wonnye nni no: “Ɔbo a abantofo apo no, ɛbɛyɛɛ tweatibo.” 8Wɔka bio wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Saa ɔbo yi na ɛbɛma nnipa ahintiw; ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.” Wohintiwii efisɛ, na wonnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛe.

9Na mo de, moyɛ nnipa a wɔayi mo, sɛ ɔhene asɔfo, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo a wɔayi mo sɛ monka nʼanwonwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo fi sum mu baa nʼankasa hann nwonwaso no mu.

10Nna bi a atwam no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nanso afei, moyɛ ne nkurɔfo; nna bi a atwam no na munnim Onyankopɔn ahummɔbɔ no, nanso mprempren, moanya nʼahummɔbɔ no.

Onyankopɔn asomfo

11Mʼadɔfo, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔho ne amamfrafo a mowɔ wiase. Montwe mo ho mfi honam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asi no ho.

12Mummu ɔbra pa wɔ manmufo a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfo a, wɔahu mo papa a moayɛ no nso nam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam ɛda a ɔbɛba no.

13Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma nnipa, Ɔhene Kɛse 14ne amradofo a ɔno na ɔsomaa wɔn sɛ wɔntwe nnebɔneyɛfo aso na wɔnkamfo wɔn a wɔyɛ papa no no.

15Onyankopɔn ahyɛde ne sɛ, ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛe pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ. 16Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Na mommfa ɔde a mode mo ho no nnkata bɔne biara so. Na mmom montena ase sɛ Onyankopɔn asomfo.

17Momfa nidi mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom gyidifo. Munsuro Onyankopɔn, na mummu Ɔhempɔn.

18Mo afi mu asomfo nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na munnni wɔn a wɔn yam ye na wɔn tirim yɛ mmrɛw nko ni na wɔn a wɔhyɛ nnipa so nso, munni wɔn ni. 19Sɛ motɔ mo bo ase tena saa yaw a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn behyira mo, efisɛ, munim ne pɛ. 20Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, mfaso bɛn na mubenya? Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, Onyankopɔn behyira mo. 21Eyi nti na Onyankopɔn frɛɛ mo, efisɛ, Kristo no ankasa huu amane maa mo de saa nhwɛso no gyaw mo sɛnea mubedi nʼanammɔn akyi. 22Wanyɛ bɔne. Obiara ante atorosɛm biara amfi nʼano. 23Wɔyaw no no, wanyaw bi antua ka. Ohuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidaso nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔtemmufo pa no mu. 24Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ asɛnnua no so sɛnea yebewu ama bɔne na yɛatena ase trenee mu. Nʼakuru mu na moanya ayaresa. 25Na mote sɛ nguan a wɔayera nanso afei de, wɔde mo asan aba sɛ mummedi Oguanhwɛfo no ne mo Krasohwɛfo no akyi.

Copyright information for TwiNAK